Gaana Ahonya Da [Anwensɛm]
Ɔman Ghana, Maame ɔbaatan pa. Ɛnɛ yɛ w'awoda; Woaba a, tena ase. Wo mma ma wo AWODA PA. Nnɛ na wodii mfe aduonum nkron; Woahwɛ yɛn so wɔ saa mmerɛ tenten yi. Yɛde Nyame da wo ase. Yɛsrɛ Nyame sɛ ɔma wo nkwa tenten, Ɛne nkɔso pa, Ɛne asomdwoeɛ, Sɛ neɛ ɛbɛyɛ a, Wobɛhwɛ yɛn so Ɛwɔ mmerɛ nyinaa. Maame, yɛma wo akwaaba, Wɔ w'afehyia da
Ɔbɛnem 6, 2016









